-
Numeri 15:27-29Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 “‘Sɛ onipa* bi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɔmfa apɔnkyebere a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ bɔne ho afɔre.+ 28 Ɔsɔfo no mpata mma onipa* a wanhyɛ da a ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma ne bɔne no, na wɔde bɛkyɛ no.+ 29 Sɛ obi a wɔwoo no Israelni anaa ɔhɔho a wabɛtena wɔn mu no anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, mmara koro na ɛwɔ hɔ ma wɔn nyinaa.+
-