-
Leviticus 25:4, 5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Nanso afe a ɛto so ason no, munnyaw asaase no mma ɛnhome koraa; ɛyɛ ɔhome afe ma Yehowa. Ɛnsɛ sɛ mudua aba biara anaa moyɛ mo bobefuw ho adwuma. 5 Sɛ hwiit* a aka wɔ asaase no so dedaw no fifi anaa sɛ asaase no sow bobe a obiara anyɛ ho adwuma a, ɛnsɛ sɛ mutwa. Afe mu no nyinaa munnyaw asaase no na ɛnhome.
-