-
Rut 4:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Meyɛe sɛ mɛbɔ wo amanneɛ sɛ, ‘Tɔ wɔ kurom hafo ne yɛn mpanyimfo yi anim.+ Enti sɛ wubegye a, gye; sɛ worennye nso a, ka kyerɛ me ma minhu, efisɛ wo na wowɔ tumi sɛ wugye. Wunni hɔ a, me na mewɔ hɔ.’” Ɛnna ɔkae sɛ: “Megye.”+ 5 Afei Boas kae sɛ: “Da a wobɛtɔ asaase no afi Naomi nsam no, hu sɛ woatɔ afi Moabni Rut a ne kunu awu no nso nsam, sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din bɛsan aba n’agyapade so.”+ 6 Ɛnna ogyefo no kae sɛ: “Merennye na mansɛe m’ankasa m’agyapade. Mama wo kwan, kogye, efisɛ merentumi nnye.”
-