Exodus 24:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Afei ɔfaa apam nhoma no kenkan kyerɛɛ nkurɔfo no.+ Na wɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yebetie na yɛadi so.”+ Deuteronomium 31:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi du asaase a wɔrekɔ so no so a, wobefi ase ne anyame foforo a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ aguaman.*+ Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+ Hebrifo 8:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛe da a misusoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Egypt asaase so+ no. Efisɛ wɔanni m’apam no so; ɛno nti, manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa* asɛm ni.”
7 Afei ɔfaa apam nhoma no kenkan kyerɛɛ nkurɔfo no.+ Na wɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yebetie na yɛadi so.”+
16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu,* na ɔman yi du asaase a wɔrekɔ so no so a, wobefi ase ne anyame foforo a wɔatwa wɔn ho ahyia abɔ aguaman.*+ Wobefi m’akyi+ na wɔabu m’apam a me ne wɔn yɛe no so.+
9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛe da a misusoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Egypt asaase so+ no. Efisɛ wɔanni m’apam no so; ɛno nti, manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa* asɛm ni.”