7 Mmoa a wopuw wesaw anaa wɔn nan mu apae a ɛnsɛ sɛ mowe ni: yoma, adanko, ne nkukuban, efisɛ wopuw wesaw de, nanso wɔn nan mu mpaee abien. Wɔn ho ntew mma mo.+ 8 Bio nso, monnwe prako, efisɛ ne nan mu apae abien de, nanso ompuw nwesaw. Ne ho ntew mma mo. Monnwe wɔn nam, na munnso wɔn afunu mu.