Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 14:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Na ayeyi nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn;

      Ɔno na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa!”

      Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+

  • Genesis 28:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Na ɔbo a mede ayɛ edum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi,+ na biribiara a wode bɛma me no, mɛhwɛ akyɛ mu du ama wo baako.”

  • Numeri 18:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 “Hwɛ, Lewifo no de, adwuma a wɔyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho nti, mede Israel biribiara mu nkyem du mu baako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapade.

  • Numeri 18:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 “Ka kyerɛ Lewifo no sɛ, ‘Israelfo no de wɔn nneɛma mu nkyem du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapade.+ Na mo nso, monkyɛ nea mo nsa bɛka no mu du, na momfa baako nyi ntoboa mma Yehowa.+

  • Deuteronomium 14:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 “Afe biara fa w’afuw mu nnɔbae nyinaa so ntotoso du du* bra.+

  • 2 Beresosɛm 31:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Bere a Israelfo no tee asɛm no ara pɛ, wɔde hwiit,* bobesa foforo, ngo, ɛwo, ne afuw mu nnɔbae nyinaa mu nea edi kan ne nea ɛyɛ papa bae ma ebuu so.+ Wɔde saa nneɛma yi nyinaa so ntotoso du du bae.+

  • Nehemia 13:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na Yuda nyinaa de hwiit* ne bobesa foforo ne ngo so ntotoso du du+ baa adekora adan no mu.+

  • Malaki 3:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Momfa ntotoso du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a aduan bɛwɔ me fi.+ Mepa mo kyɛw, momfa eyi nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma emmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm ni.

  • Luka 11:42
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 42 Na mo Farisifo de, munnue, efisɛ muyi onunum ne akokɔbɛsa ne nhabamma* foforo biara so ntotoso du du,+ nanso Onyankopɔn atɛntrenee ne ne dɔ de, momfa nyɛ hwee! Ɛsɛ sɛ muyi ntotoso du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mubu mo ani gu nneɛma a ehia paa no so.+

  • Hebrifo 7:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Nea ɛwom ne sɛ, sɛnea Mmara no kyerɛ no, mmarima a wofi Lewi mma mu+ a wonya asɔfodwuma no wɔ ahyɛde bi sɛ wogye ntotoso du du* fi ɔman no hɔ,+ kyerɛ sɛ, wogye fi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom sɛ ɔman no nso yɛ Abraham asefo.*

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena