Numeri 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Efisɛ nneɛma mu nkyem du mu baako a Israelfo de yi ntoboa, nea wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifo no sɛ wɔn agyapade. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wonya agyapade biara wɔ Israelfo mu’ no.”+ Deuteronomium 10:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Eyi nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapade wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapade sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ Deuteronomium 14:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Na Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu no, mmu w’ani ngu wɔn so,+ efisɛ wɔamma wɔn kyɛfa anaa agyapade biara wɔ mo mu.+ Yosua 14:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ná Mose de mmusuakuw abien ne fã no agyapade ama wɔn dedaw wɔ Yordan agya.*+ Lewifo de, wamma wɔn agyapade no bi wɔ wɔn mu.+
24 Efisɛ nneɛma mu nkyem du mu baako a Israelfo de yi ntoboa, nea wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifo no sɛ wɔn agyapade. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wonya agyapade biara wɔ Israelfo mu’ no.”+
9 Eyi nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapade wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapade sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+
27 Na Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu no, mmu w’ani ngu wɔn so,+ efisɛ wɔamma wɔn kyɛfa anaa agyapade biara wɔ mo mu.+
3 Ná Mose de mmusuakuw abien ne fã no agyapade ama wɔn dedaw wɔ Yordan agya.*+ Lewifo de, wamma wɔn agyapade no bi wɔ wɔn mu.+