28 Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo,+ na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa akɔ,+ na asaase a wuhui no, ɔno na ɔbɛma wɔn nsa aka.’
14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, aka kakraa bi ama woawu.+ Enti frɛ Yosua na mummegyina m’anim wɔ ahyiae ntamadan no mu na menyɛ no ɔkannifo.”+ Na Mose ne Yosua kogyinaa ahyiae ntamadan no mu.
23 Afei Onyankopɔn yɛɛ Nun ba Yosua ɔkannifo,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoduru na ma wo ho nyɛ den,+ efisɛ wo na wode Israelfo bɛkɔ asaase a mekaa wɔn ntam sɛ mede bɛma wɔn no so,+ na mɛka wo ho bere nyinaa.”