-
2 Beresosɛm 2:4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Merebesi ofi ama Yehowa me Nyankopɔn din na matew ho ahyew aduhuam+ wɔ n’anim. Mede paanoo a wɔde taataa so* a wɔde si hɔ daa,+ ne anɔpa ne anwummere ɔhyew afɔre+ nso bɛma no Homeda+ biara. Ɔsram foforo+ ne yɛn Nyankopɔn Yehowa afahyɛ bere+ nso, saa ara na mɛyɛ. Eyi ne ahyɛde a ɛda hɔ ma Israel daa.
-
-
Nehemia 10:32, 33Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
32 “Afei nso, yɛbɛhyɛ mmara ama yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbona* nkyem abiɛsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fi* som adwuma,+ 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde taataa so,*+ daa aduan afɔre,+ daa ɔhyew afɔre a Homeda biara,+ ɔsram foforo biara,+ ne afahyɛ ahorow+ du so a wɔbɔ, nneɛma kronkron ne bɔne ho afɔre+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne adwuma biara a wɔyɛ wɔ yɛn Nyankopɔn fi.
-