Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 23:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Afei Otwa Afahyɛ* no, munni wɔ bere a mode twa mo afuw mu nneɛma a edi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, munni wɔ afe no awiei, bere a moboaboa mo nnɔbae a etwa to ano fi afuw mu no.+

  • Leviticus 23:34-36
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 34 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Bosome a ɛto so ason yi da a ɛto so 15 no yɛ Apata* Afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bedi.+ 35 Ɛda a edi kan no yɛ nhyiam kronkron, na ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 36 Momfa nnanson mmɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Ɛda a ɛto so awotwe no yɛ nhyiam kronkron ma mo,+ na mommɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. Ɛyɛ nhyiam titiriw. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.

  • Deuteronomium 16:13-15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 “Sɛ woboaboa wo nnɔbae ne wo ngo ne wo nsã* ano a, di Apata* Afahyɛ no nnanson.+ 14 Edu afahyɛ bere yi a, ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima, wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewini, ɔhɔho a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafo a ɔwɔ wo kurom no. 15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn anuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛpaw no, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nnɔbae+ ne nea woyɛ nyinaa so. Enti nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+

  • Nehemia 8:14-18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Ɛnna wohui sɛ wɔakyerɛw wɔ Yehowa Mmara a ɔde faa Mose so no mu sɛ, sɛ Israelfo redi bosome a ɛto so ason no mu afahyɛ no a, wɔntenatena apata* ase,+ 15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuru+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔw no so nkɔpɛ ngodua mmaa, nku dua mmaa, ohuadua mmaa, berɛw, ne nnua foforo mmaa mfa mmɛbɔ apata sɛnea wɔakyerɛw no.”

      16 Ɛnna ɔman no fii adi kɔpɛɛ bi bae, na wɔde bobɔɔ apata, obiara bɔɔ ne de wɔ ne dan atifi ne n’adiwo ne nokware Nyankopɔn no fi adiwo+ ne mmɔnten so wɔ baabi a ɛbemmɛn Nsu Pon+ no ne Efraim Pon+ no. 17 Enti wɔn a wɔasan aba wɔn man mu no nyinaa bobɔɔ apata, na wɔtenatenaa apata no mu. Efi Nun ba Yosua+ nna no mu besi saa da no, na Israelfo nyɛɛ saa da, na ɛma wodii ahurusi kɛse.+ 18 Na efi da a edi kan kosi da a etwa to no, da biara na wɔkenkan nokware Nyankopɔn no Mmara+ nhoma no; wodii afahyɛ no nnanson, na da a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw sɛnea mmara no kyerɛ.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena