-
Genesis 28:20-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Afei Yakob kaa ntam sɛ: “Sɛ Onyankopɔn di m’akyi hwɛ me so wɔ m’akwantu yi mu, na ɔma me aduan* di ma me ataade hyɛ, 21 na mesan kɔ me papa fi asomdwoe mu a, ɛnde na Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ me Nyankopɔn ampa. 22 Na ɔbo a mede ayɛ edum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi,+ na biribiara a wode bɛma me no, mɛhwɛ akyɛ mu du ama wo baako.”
-