25Bere a Israelfo te Sitim+ no, wofii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman.+2 Sɛ wɔrebɔ afɔre ama wɔn anyame a, na mmea no frɛfrɛ Israelfo no kɔ ase,+ enti Israelfo no fii ase didii na wɔsom wɔn anyame no.+
14 “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo. Ɛne sɛ, wowɔ ebinom wɔ wo mu a wokura Baalam nkyerɛkyerɛ+ mu denneennen, nea ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔnnaadaa Israel mma* na wonni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom na wɔmmɔ aguaman*+ no.