-
Numeri 4:24-26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Adwuma a Gersonfo mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa ni:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntamadan no ho ntama,+ ne ahyiae ntamadan no ho ntama, ne ne nkataso, ne sukraman nhoma nkataso a egu so,+ ne ntama a ɛsɛn ahyiae ntamadan no kwan ano,+ 26 ne ntama a ɛsensɛn adiwo no ho,+ ne ntama* a ɛwɔ adiwo no ano,+ adiwo a ɛwɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho no, ne ɛho nhama, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma.
-