-
Yosua 22:7, 8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Mose maa Manase abusuakuw fã no agyapade wɔ Basan,+ na abusuakuw no fã a aka no ne wɔn nuanom nso, Yosua maa wɔn asaase wɔ Yordan atɔe fam.+ Afei nso, bere a Yosua regya wɔn kwan ama wɔakɔ wɔn ntamadan mu no, ohyiraa wɔn, 8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa ahonyade ne nyɛmmoa ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne kɔbere ne nnade ne ntaade bebree nkɔ.+ Na mo ne mo nuanom nkyɛ nneɛma a munya fii mo atamfo hɔ wɔ ɔko mu no.”+
-