-
Deuteronomium 1:34-38Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
34 “Yehowa tee nea mokae nyinaa. Enti ne bo fuwii na ɔkaa ntam sɛ,+ 35 ‘Awo ntoatoaso bɔne yi mu ɔbarima baako mpo renhu asaase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na obehu, na mede asaase a ɔkɔɔ so no bɛma ɔne ne mma, efisɛ ɔde ne koma nyinaa* adi Yehowa akyi.+ 37 (Mo nti, Yehowa bo fuw me mpo, na ɔkae sɛ, “Wo nso worenkɔ hɔ bi.+ 38 Nun ba Yosua a ogyina w’anim yi+ na ɔbɛkɔ asaase no so.+ Hyɛ no den,*+ efisɛ ɔno na ɔbɛma Israelfo afa asaase no.”)
-