63 Eyinom na Mose ne ɔsɔfo Eleasar kyerɛw wɔn din bere a wɔkyerɛw Israelfo din wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. 64 Nanso wɔn a Mose ne ɔsɔfo Aaron kyerɛw wɔn din bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no, na wɔn mu baako mpo nka eyinom ho.+
14 Nna a yɛde nantew fii Kades-Barnea kosii sɛ yetwaa Sered Bon no si mfe 38, na saa bere no, ɔman no mu mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa ase hyewee, sɛnea Yehowa kaa wɔn ntam no.+