33 Enti Mose de Amorifo hene Sihon ahemman+ ne Basan hene Og ahemman,+ ne nsaase a ɛdeda wɔn nkurow no ho, ne nkurow a ɛwowɔ nsaase a atwa ho ahyia so no maa Gadfo ne Rubenfo+ ne Yosef ba Manase abusuakuw fã no.+
12Eyinom ne asaase no so ahemfo a Israelfo dii wɔn so faa wɔn nsaase wɔ Yordan agya wɔ apuei fam, efi Arnon Bon* ho+ kosi Hermon Bepɔw ho+ ne Araba nyinaa wɔ apuei fam no:+
8 Manase abusuakuw no fã a aka no ne Rubenfo ne Gadfo kɔfaa wɔn agyapade a Mose de maa wɔn wɔ Yordan agya wɔ apuei fam no, sɛnea na Yehowa akoa Mose de ama wɔn dedaw no:+