4 Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti mubetumi asan akɔ mo ntamadan mu, asaase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya* no so.+
9 Afei Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no ne Israelfo a aka no dii mpaapaemu, na wofii Silo a ɛwɔ Kaanan asaase so, na wɔsan kɔɔ Gilead asaase so,+ asaase a Yehowa nam Mose so ka ma wɔde maa wɔn sɛ wɔn agyapade a wɔbɛtena so no.+