-
Yosua 12:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Eyinom ne asaase no so ahemfo a Israelfo dii wɔn so faa wɔn nsaase wɔ Yordan agya wɔ apuei fam, efi Arnon Bon* ho+ kosi Hermon Bepɔw ho+ ne Araba nyinaa wɔ apuei fam no:+ 2 Amorifo hene Sihon+ a na ɔte Hesbon no. Odii hene faa Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bon*+ ho ne bon no mfinimfini ne Gilead fã kosi Yabok Bon* ho wɔ Ammonfo hye so.
-