Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 23:31-33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 “Asaase a mede bɛma wo no befi Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akosi Filistifo po no ano, na asan afa sare no so akosi Asubɔnten no* ano.+ Na mede asaase no sofo bɛhyɛ wo nsa na woapam wɔn afi w’anim.+ 32 Ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn anaa wɔn anyame yɛ apam biara.+ 33 Mma wɔnntena w’asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwetwe wo mma wonyɛ bɔne ntia me. Sɛ wosom wɔn anyame a, sɛnea ɛte biara ɛbɛyɛ afiri ama wo.”+

  • Deuteronomium 7:3, 4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Nware wɔn mu biara.* Mfa wo babea mma ne babarima, na nnye ne babea aware mma wo babarima.+ 4 Anyɛ saa a, ɔbɛma wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo,+ na Yehowa bo befuw wo denneennen na wasɛe wo pasaa.+

  • Yosua 23:12, 13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 “Nanso sɛ mosan mo akyi de mo ho kɔbata aman a aka a mo ne wɔn te yi ho,+ na mowareware wɔn*+ anaa mo ne wɔn bɔ a, 13 ɛnde munhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpam* aman yi mfi mo anim.+ Na wɔbɛdan afiri ama mo, na wɔabɛyɛ abaa* wɔ mo akyi,+ ne nsɔe wɔ mo aniwa mu, akosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi so.

  • Atemmufo 2:2, 3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Na mo nso, mo ne asaase yi sofo nnyɛ apam biara,+ na wɔn afɔremuka nso, mummubu ngu.’+ Nanso moantie m’asɛm.+ Adɛn nti na moyɛ saa? 3 Ɛno nti mesan kae sɛ, ‘Merempam wɔn mfi mo anim,+ na wɔbɛyɛ afiri ama mo,+ na wɔn anyame bɛdaadaa mo.’”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena