-
Exodus 30:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
30 “Fa ɔkanto dua yɛ afɔremuka+ a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so.+ 2 Ma n’afã anan nyinaa nyɛ pɛ; ma ne tenten nyɛ basafa* baako, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa baako; efi fam kosi soro nso nyɛ basafa abien. Yɛ afɔremuka no ne ne mmɛn nyinaa bom.+ 3 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa; ne soro, nkyɛnkyɛn, ne ne mmɛn ho, na fa sika kɔkɔɔ toto ano hyia.
-