Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yosua 20:2, 3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Munyi guankɔbea nkurow+ a menam Mose so kaa ho asɛm kyerɛɛ mo no, 3 na sɛ obi kum obi na wanhyɛ da anaa ne nsa pa na okum* obi* a, waguan akɔ hɔ. Ɛbɛyɛ guankɔbea ama mo afi nea wɔakum no no busuani* nsam.+

  • Yosua 20:7, 8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Enti wohyiraa nkurow yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔw mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔw mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔw mu. 8 Yordan mpɔtam wɔ Yeriko apuei nso, woyii Beser+ a ɛwɔ sare so no fii Ruben abusuakuw mu. Ná saa sare no wɔ bepɔw so asaase tratraa no so. Woyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead fii Gad abusuakuw mu, ɛnna woyii Golan+ a ɛwɔ Basan fii Manase abusuakuw mu.+

  • Yosua 21:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na ɔsɔfo Aaron mma no, wɔde guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Hebron+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so. Wɔsan maa wɔn Libna+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,

  • Yosua 21:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Wɔde guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Sekem+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so a ɛwɔ Efraim mmepɔw so, ɛne Geser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,

  • Yosua 21:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Nea Gersonfo+ a wofi Lewifo mmusua mu no nya fii Manase abusuakuw fã no hɔ ni: Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Beestera ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abien.

  • Yosua 21:32
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 Nea wonyae wɔ Naftali abusuakuw hɔ ni: Guankɔbea kurow+ a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Kedes+ a ɛwɔ Galilea ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Hamot-Dor ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ne Kartan ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so; nkurow abiɛsa.

  • Yosua 21:36
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 36 Nea wonyae wɔ Ruben abusuakuw hɔ ni: Beser+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, Yahas ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,+

  • Yosua 21:38
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 38 Nea wonyae wɔ Gad abusuakuw hɔ ni:+ Guankɔbea kurow a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ hɔ. Ɛno ne Ramot a ɛwɔ Gilead+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so, ɛne Mahanaim+ ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so,

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena