5 Afei nso, abɔde a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa* agu no, mɛma wabu ho akontaa. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma wabu ho akontaa, efisɛ ɔyɛ ne nua.+
11 “Nanso sɛ ɛba sɛ obi tan ne yɔnko+ na ɔkɔtɛw no na ɔtow hyɛ no so de biribi bɔ no* pira no ma owu, na oguan kɔ nkurow yi bi mu a, 12 ɛnde ne kurom mpanyimfo nsoma nkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ nea wɔakum no no busuani* nsa, na onkum no.+