Exodus 13:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima* wɔ Israel no, hyira no so* ma me. Sɛ ɔyɛ ɔbarima a odi kan oo, sɛ aboa a ɔyɛ onini a odi kan oo, ɛyɛ me dea.”+ Numeri 18:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “Biribiara a nkwa wom* abakan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, onipa oo, aboa oo, ɛbɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mmakan de, sɛnea ɛte biara, tua sika gye wɔn.+ Mmoa a wɔn ho ntew mmakan nso, tua sika gye wɔn.+
2 “Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima* wɔ Israel no, hyira no so* ma me. Sɛ ɔyɛ ɔbarima a odi kan oo, sɛ aboa a ɔyɛ onini a odi kan oo, ɛyɛ me dea.”+
15 “Biribiara a nkwa wom* abakan+ a wɔde bɛbrɛ Yehowa no, onipa oo, aboa oo, ɛbɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mmakan de, sɛnea ɛte biara, tua sika gye wɔn.+ Mmoa a wɔn ho ntew mmakan nso, tua sika gye wɔn.+