-
Numeri 5:14, 15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbea no agu ne ho fĩ nti na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ne yere afi n’akyi oo, sɛ nso ɔbea no nguu ne ho fĩ na ne kunu no retwe ninkunu ɛnna n’adwene yɛ no sɛ ɔbea no afi n’akyi oo, 15 ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔmfa baali* esiam efa nkyem du mu baako* nka ho sɛ ɔbea no afɔre. Ɛnsɛ sɛ ohwie ngo gu so anaa ɔde ɛhyɛ* gu so, efisɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, aduan afɔre a ɛma wɔkae afodi.
-