-
Numeri 3:36, 37Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
36 Adwuma a wɔde hyɛɛ Merarifo no nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntamadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinaso, ne nneɛma a wɔde som wɔ hɔ nyinaa,+ ne eyinom ho adwuma biara.+ 37 Afei nso, na wɔhwɛ adum a atwa adiwo no ho ahyia, ne adum no nnyinaso,+ ne nnua a wɔde bɔ ɔsom ntamadan no mu tim fam, ne ɛho nhama so.
-
-
Numeri 4:31-33Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho ni:+ wɔbɛsoa ɔsom ntamadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinaso,+ 32 adum+ a atwa adiwo no ho ahyia, ne adum no nnyinaso,+ ne nnua a wɔde bɔ ntamadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhama ne emu nneɛma nyinaa, ne eyinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33 Eyi ne adwuma a Merarifo mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu, na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+
-