Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 41:51, 52
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 51 Yosef too ne ba panyin no din Manase,*+ efisɛ ɔkae sɛ, “Onyankopɔn ama me werɛ afi m’amanehunu ne me papa fi nyinaa.” 52 Na ɔfrɛɛ nea ɔto so abien no Efraim,*+ efisɛ ɔkae sɛ, “Onyankopɔn ama m’ase atrɛw wɔ asaase a mabrɛ wɔ so no so.”+

  • Genesis 46:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Yosef ne Asenat+ a ɔyɛ On* sɔfo Potifera babea no woo Manase+ ne Efraim+ wɔ Egypt.

  • Genesis 48:17-19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Bere a Yosef hui sɛ ne papa de ne nsa nifa ato Efraim ti so no, n’ani annye ho, enti ɔyɛe sɛ ɔreyi ne papa nsa afi Efraim ti so de ato Manase ti so. 18 Yosef ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, nyɛ no saa, efisɛ oyi ne ɔpanyin.+ Fa wo nsa nifa to ɔno mmom ti so.” 19 Nanso ne papa antie, na ɔkae sɛ: “Minim saa, me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔbɛyɛ kɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asen no,+ na n’asefo* bɛyɛ sɛ aman pii.”+

  • Numeri 2:18, 19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 “Mmusuakuw abiɛsa asafo a Efraim abusuakuw da wɔn ano a obiara wɔ n’asraafokuw no na wobesi wɔn ntamadan wɔ atɔe fam. Efraim abusuapanyin ne Amihud ba Elisama.+ 19 N’asraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 40,500.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena