Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Numeri 4:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 “Sɛ wɔretu afi baabi a wɔsoɛe no a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea no ne nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no nyinaa ho.+ Wowie a, na Kohatfo no aba hɔ abɛsoa.+ Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho ka kronkronbea no, anyɛ saa a, wobewu.+ Eyinom ne Kohatfo no asɛde* a wɔwɔ wɔ ahyiae ntamadan no ho.

  • Numeri 4:24-26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Adwuma a Gersonfo mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa ni:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntamadan no ho ntama,+ ne ahyiae ntamadan no ho ntama, ne ne nkataso, ne sukraman nhoma nkataso a egu so,+ ne ntama a ɛsɛn ahyiae ntamadan no kwan ano,+ 26 ne ntama a ɛsensɛn adiwo no ho,+ ne ntama* a ɛwɔ adiwo no ano,+ adiwo a ɛwɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho no, ne ɛho nhama, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma.

  • Numeri 4:31-33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho ni:+ wɔbɛsoa ɔsom ntamadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinaso,+ 32 adum+ a atwa adiwo no ho ahyia, ne adum no nnyinaso,+ ne nnua a wɔde bɔ ntamadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhama ne emu nneɛma nyinaa, ne eyinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33 Eyi ne adwuma a Merarifo mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu, na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena