Exodus 32:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛnna Mose srɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn* sɛ:+ “O Yehowa, wo nkurɔfo a wode tumi kɛse ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn fii Egypt asaase so no, adɛn nti na wo bo afuw wɔn saa?+ Deuteronomium 9:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mehwɛ sɛnea na Yehowa ani abere mo so no a,+ na misuro, efisɛ anka ɔrebɛsɛe mo. Nanso saa bere no, Yehowa san tiee me.+ Dwom 106:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Anka ɔrema wɔatɔre wɔn ase,Nanso Mose a wapaw no no srɛ maa wɔn,*Na ɔtwee n’abufuw a ano yɛ den no sanee.+ Yakobo 5:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Enti mompae mu nka mo bɔne+ nkyerɛ mo ho, na mommɔ mpae mma mo ho na moanya ayaresa. Ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ* tumi kɛse.+
11 Ɛnna Mose srɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn* sɛ:+ “O Yehowa, wo nkurɔfo a wode tumi kɛse ne nsa a ɛyɛ den yii wɔn fii Egypt asaase so no, adɛn nti na wo bo afuw wɔn saa?+
19 Mehwɛ sɛnea na Yehowa ani abere mo so no a,+ na misuro, efisɛ anka ɔrebɛsɛe mo. Nanso saa bere no, Yehowa san tiee me.+
23 Anka ɔrema wɔatɔre wɔn ase,Nanso Mose a wapaw no no srɛ maa wɔn,*Na ɔtwee n’abufuw a ano yɛ den no sanee.+
16 Enti mompae mu nka mo bɔne+ nkyerɛ mo ho, na mommɔ mpae mma mo ho na moanya ayaresa. Ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ* tumi kɛse.+