-
Numeri 8:24Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 “Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma Lewifo ni: Mmarima a wɔadi mfe 25 rekɔ no bɛkɔ akɔka wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan mu no ho ne wɔn ayɛ adwuma.
-
-
Numeri 18:2, 3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Afei nso, fa wo nuanom, Lewi abusuakuw, w’abusuakuw no bra, na wɔmmɛka wo ho, na wɔmmoa wo+ ne wo mma wɔ Adanse ntamadan+ no anim. 3 Adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wo, ne adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ntamadan no ho nyinaa wɔnyɛ.+ Nanso kronkronbea hɔ nneɛma anaa afɔremuka no de, ɛnsɛ sɛ wɔbɛn ho, na wɔne mo nyinaa anwuwu.+
-
-
1 Beresosɛm 23:32Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
32 Afei nso, na wɔyɛ ahyiae ntamadan ne kronkronbea hɔ adwuma, na na wɔboa wɔn nuanom Aaron mma a wɔyɛ Yehowa fi som adwuma no.
-