9 Bere a wotwae ara pɛ na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn.” Na Elisa kae sɛ: “Mesrɛ wo, wo honhom+ no menya kyɛfa* abien+ anaa?”
15 Bere a adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko no huu no wɔ akyirikyiri no, wɔkae sɛ: “Elia honhom aba Elisa so.”+ Ɛnna wokohyiaa no, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuw fam wɔ n’anim.