9“O Israel tie, ɛnnɛ woretwa Yordan+ akɔpam aman akɛse a ɛyɛ den sen wo+ na woakɔfa nkurow akɛse a ɛho aban du soro.*+2 Aman yi mu nnipa soso woware. Eyinom ne Anak mma+ a wunim wɔn no. Wotee wɔn ho asɛm sɛ, ‘Hena na obetumi agyina Anak mma anim?’
21 Saa bere no, Anakfo+ a wɔwɔ mmepɔw mu, wɔn a wɔwɔ Hebron, wɔn a wɔwɔ Debir, wɔn a wɔwɔ Anab, wɔn a wɔwɔ Yuda mmepɔw mu nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ Israel mmepɔw mu nyinaa, Yosua hyew wɔn ase. Yosua sɛee wɔne wɔn nkurow pasaa.+