33 Na mo mma bɛyɛ nguanhwɛfo wɔ sare no so mfe 40,+ na nokware a moanni no, wobetua ho ka akosi sɛ mo mu nea otwa to bewu atɔ sare yi so.+ 34 Nna a mode kɔhwɛɛ asaase no yɛ nnafua 40,+ enti mfe 40 na mode bɛsoa mo bɔne.+ Da koro biara bɛyɛ afe, na po a mopoo me no, mubehu ne nsunsuanso.