11 Aberante a ne maame yɛ Israelni yi fii ase domee dinkɛse no,+ na ɔkaa ho abususɛm. Enti wɔde no brɛɛ Mose.+ Ná ne maame no din de Selomit, na na ɔyɛ Dibri a ofi Dan abusuakuw mu no babea. 12 Wɔde aberante no too dan mu twɛn gyinae a Yehowa besi wɔ asɛm no ho.+