Exodus 23:20, 21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 “Meresoma ɔbɔfo adi w’anim+ ama wabɔ wo ho ban wɔ ɔkwan so na ɔde wo akodu baabi a masiesie no.+ 21 Tie n’asɛm na yɛ nea ɔbɛka biara. Nsɔre ntia no, na woyɛ bɔne a ɔremma womfa wo ho nni,+ efisɛ me din da no so. 1 Korintofo 10:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nsɛm yi abɛyɛ nhwɛso ama yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn kɔn rennɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no.+ 1 Korintofo 10:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Bio nso, munnnwiinwii sɛnea wɔn mu bi nwiinwii+ na ɔsɛefo no sɛee wɔn+ no.
20 “Meresoma ɔbɔfo adi w’anim+ ama wabɔ wo ho ban wɔ ɔkwan so na ɔde wo akodu baabi a masiesie no.+ 21 Tie n’asɛm na yɛ nea ɔbɛka biara. Nsɔre ntia no, na woyɛ bɔne a ɔremma womfa wo ho nni,+ efisɛ me din da no so.