2 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔrentumi mma kronkronbea hɔ na onwura mu nkɔ ntwamutam no akyi+ wɔ Adaka no mmuaso anim bere biara a ɔpɛ,+ anyɛ saa a obewu,+ efisɛ meyi me ho adi omununkum mu+ wɔ mmuaso no+ so.
12 “Afei afɔremuka a ɛwɔ Yehowa anim no, onyi nnyansramma a ɛwɔ so no bi ngu kankyee a wɔde ogya gu mu mu,+ na ɔmfa aduhuam a wɔasiw no muhumuhu+ nsa ma abien nka ho nwura mu nkɔ ntwamutam no+ akyi.
7 nanso pia a ɛto so abien no de, ɔsɔfo panyin no nko ara na na ɔkɔ hɔ pɛnkoro afe biara.+ Sɛ ɔrekɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔde mogya kɔ,+ na ɔde kɔbɔ afɔre ma n’ankasa ho+ ne ne man wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ+ a wonnim no ho.