-
Leviticus 22:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Aaron asefo no mu barima biara a ɔyare kwata+ anaa nsu fi ne ho sen+ rentumi nni nneɛma kronkron no bi kosi sɛ ne ho bɛtew,+ na nea ne ho aka obi a efunu* agu ne ho fĩ+ nso rentumi nni. Saa ara na sɛ ɔbarima bi ho ba,+ 5 anaa ne ho ka aboa a ɔwea fam+ a ne ho ntew anaa ne ho ka obi a biribi agu ne ho fĩ a,+ ɔrentumi nni. 6 Obi* a ne ho bɛka biribi a ɛte saa no ho rentew kosi anwummere, na ɛnsɛ sɛ odi nneɛma kronkron no bi. Ɛsɛ sɛ ɔde nsu guare.+
-