Exodus 29:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 “Afei oguan a wɔde bɛbɔ afɔre de ahyɛ Aaron sɔfo no,+ fa ne koko na him wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre. Ɛno na ɛbɛyɛ wo kyɛfa. Leviticus 7:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ma ɔsɔfo no nhyew srade no wɔ afɔremuka no so.+ Aboa no koko no de, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+ Leviticus 7:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Sɛ Israelfo no bɔ asomdwoe afɔre a, megye aboa no koko a wohim no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no ama ɔsɔfo Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfo.+
26 “Afei oguan a wɔde bɛbɔ afɔre de ahyɛ Aaron sɔfo no,+ fa ne koko na him wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre. Ɛno na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.
34 Sɛ Israelfo no bɔ asomdwoe afɔre a, megye aboa no koko a wohim no ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no ama ɔsɔfo Aaron ne ne mma. Ɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama Israelfo.+