18 Na Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia tenabea kronkron no, wo ne wo mma ne w’agyanom abusuafi a wɔka wo ho no na ɛho asodi da mo so,+ na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodi no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no na ɛho asodi da mo so.+