-
Hebrifo 9:9, 10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Saa ntamadan yi yɛ nhwɛso ma bere a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na sɛnea ɛho nhyehyɛe te no, wɔde akyɛde ne afɔre nyinaa ma.+ Nanso, eyi ntumi mma nea ɔyɛ ɔsom adwuma* no ahonim* nwie pɛyɛ.+ 10 Mmom nea ɛfa ho ara ne nnuan ne anonne ne asubɔ ahorow.*+ Ná ɛyɛ nipadua ho nneɛma a mmara hwehwɛ,+ na na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma kosi sɛ bere a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yiye no bɛba.
-
-
Hebrifo 9:13, 14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Mpɔnkye ne anantwinini mogya+ ne nantwibere* nsõ a wɔde pete wɔn a wɔn ho agu fĩ so no, ɛno mpo maa wɔn ho tewee, na edwiraa wɔn ho.*+ 14 Sɛ saa a, ɛnde Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho maa Onyankopɔn sɛ afɔre a dɛm nni ho no, hwɛ sɛnea ne mogya+ betumi atew yɛn ahonim* ho afi nnwuma funu ho+ na yɛatumi de ɔsom kronn ama Onyankopɔn teasefo no!+
-