12 Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Moannye me anni, na moanni me ni wɔ Israelfo anim amma wɔanhu sɛ meyɛ kronkron. Ɛno nti, moremfa asafo yi nkɔ asaase a mede bɛma wɔn no so.”+
51 efisɛ mo baanu no anni me nokware wɔ Israelfo mu bere a mowɔ Meriba nsu+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina sare so no; moanyɛ me kronkron wɔ Israelfo no mu.+52 Wode w’ani behu asaase a mede rema Israelfo no wɔ akyirikyiri, nanso wo nan rensi hɔ.”+