-
Numeri 22:23Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Bere a afurum no hui sɛ Yehowa bɔfo atwe sekan gyina kwan no mu no, afurum no yɛe sɛ ɔrefi kwan no mu akɔ wuram. Nanso Baalam fii ase hwee afurum no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan asi kwan mu.
-
-
Numeri 22:25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Bere a afurum no huu Yehowa bɔfo no, ɔde ne ho taree ɔfasu no, na ɛkaa Baalam nan miaa ɔfasu no, na Baalam fii ase hwee aboa no bio.
-
-
Numeri 22:27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Bere a afurum no huu Yehowa bɔfo no, obutuw fam. Saa bere no nyinaa, na Baalam da so te no so. Enti Baalam bo fuwii, na ɔkɔɔ so de ne poma hwee afurum no.
-