16 Na wɔbaa Baalam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sipor ba Balak se, ‘Mepa wo kyɛw, mma biribiara nnsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn, 17 efisɛ mɛhyɛ wo anuonyam paa, na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ. Enti mepa wo kyɛw, bra na bɛdome nkurɔfo yi ma me.’”