12Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fi w’asaase so ne w’abusuafo mu ne w’agya fi kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.+2 Mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo ama wo din ayɛ kɛse, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfo.+
17 ɔkwan biara so mehyira wo, na ɔkwan biara so mɛma w’aseni* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea;+ na w’aseni* bɛfa n’atamfo nkurow apon.*+