2 Samuel 8:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Odii Moabfo so nkonim,+ na ɔma wɔdedaa fam. Ɔde susuhama susuw wɔn mu nkyem abien sɛ wonkunkum wɔn, na osusuw nkyem baako sɛ wɔntena nkwa mu.+ Na Moabfo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wotua tow ma no.+ 1 Beresosɛm 18:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Afei nso, odii Moab so nkonim,+ na Moabfo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wotua tow ma no.+ Dwom 108:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Moab yɛ ade a mehohoro me nsa wom.*+ Edom na mɛtow me mpaboa ato.+ Mɛbɔ ose wɔ Filistia ho.”+
2 Odii Moabfo so nkonim,+ na ɔma wɔdedaa fam. Ɔde susuhama susuw wɔn mu nkyem abien sɛ wonkunkum wɔn, na osusuw nkyem baako sɛ wɔntena nkwa mu.+ Na Moabfo bɛyɛɛ Dawid nkoa a wotua tow ma no.+