42 Simeonfo no mu mmarima 500 fii wɔn mu kɔɔ Seir Bepɔw so;+ Pelatia, Nearia, Refaia, ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma na wodii wɔn anim ne wɔn kɔe. 43 Wokunkum Amalek+ aguanfo no nkae, na wɔatena hɔ abesi nnɛ.
14 ‘Na menam me man Israel nsa so betua Edomfo bɔne so ka.+ Wɔde m’abufuw ne m’anibere bɛba Edom so, na Edomfo behu sɛnea matua wɔn bɔne so ka,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”’