5 Afei ɔka kyerɛɛ Kora ne n’akyitaafo no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ nea ɔyɛ ne dea,+ ne nea ɔyɛ kronkron, ne nea ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na nea obeyi no no,+ ɔno na ɔbɛba n’anim.
6 Afei nso, bere a ɔmaa asaase mu paee na ɛmenee Ruben ba Eliab mma Datan ne Abiram ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne biribiara anaa obiara a odi wɔn akyi wɔ Israelfo nyinaa anim no, wɔanhu.+