15 Ɛno akyi no, Lewifo no mmra mmɛsom wɔ ahyiae ntamadan no mu. Eyi na ɛsɛ sɛ woyɛ de tew wɔn ho, na wode wɔn bɔ afɔre sɛ ohim afɔre. 16 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔde Lewifo no ama me. Wɔayi wɔn afi Israelfo mu ama me. Wɔde wɔn asi Israelfo mmakan nyinaa anan,+ na mede wɔn bɛyɛ me dea.