7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefo*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.”+ Enti osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.
14 Akyiri yi a Lot tew ne ho fii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafo, apuei ne atɔe, 15 efisɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefo*+ afebɔɔ.
17Bere a Abram dii mfe 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kae sɛ: “Mene ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn. Nantew m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.*
7 “Na mɛma apam a me ne wo ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ+ sɛ daa apam de akosi awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa so, na wo ne w’aseni* a obedi w’akyi aba nyinaa, mɛyɛ mo Nyankopɔn.