33 na sɛ obi de ne koma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dɔ no, na ɔdɔ ne yɔnko sɛ ne ho a, ɛsom bo koraa sen ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ nyinaa.”+
27 Obuae sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn,’+ na ‘wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”+